Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. Sɛ wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri sɛ, bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ sɛ wodi ne so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:7
33 Referencias Cruzadas  

ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.


Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.


Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo anaa?


Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na munhu yiye sɛ mo bɔne beyi mo ama.


Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose.


Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.


Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.


Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose.


na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.


Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no.


Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba ne ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani, na mo kum afɔre nyɛ me dɛ.


Enye sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefo anim, na wɔdan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ abo a nkwa wom nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuw kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.


Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.


Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.


na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutuw kurow a woka ho asɛm yi.


Sɛnea na mete me twabere nna mu, bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;


Na ɔne Ahab ba Yoram kɔe ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo piraa Yoram.


Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu;


sɛ amumɔyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusude nntena wo ntamadan mu.


Ɛno na wobɛma w’ani so a wunni dɛm, na wubetim pintinn a worensuro.


Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! AWURADE asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfo ne me, AWURADE asɛm ni. Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa.


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios