Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:12
16 Referencias Cruzadas  

Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn komam wɔ wɔn atamfo nsaase no so, na ahaban a ɛtew huu nne aka wɔn agu na wɔaguan sɛ obi guan fi nkrante ano, na wɔatotɔ, bere a obi ntaa wɔn;


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba.


Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu,


na ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade, na womfi wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduan.


Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w'anim, na mayɛ ɔsesafo ne ɔkobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me.


Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so ade so kyɛn sɛ metumi masoa.


Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan.


Nanso sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo.


Mfuw asɛe, asase di nkɔmmɔ, na aduan asɛe, nsamono ayow, ngo so atɔre.


Asase a ɛba aduan dan asase kesee, wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti.


Onipa a odi obi mogya ho so no obeguan akɔtɔ amoa mu, mma wonnsianka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios