Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na afei wɔadome wo afi asase a abue n'ano agye wo nua mogya afi wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na afei wɔadome wo afi asase a abue n'ano agye wo nua mogya afi wo nsam no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:11
11 Referencias Cruzadas  

Na dodow a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma mu no hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ntena nea wɔakyerɛw no mmara nhoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya ɔhomebea!


Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa.


Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no.


Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.


Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w'anim, na mayɛ ɔsesafo ne ɔkobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me.


na ɔtoo no din Noa, na ɔkae sɛ: Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios