Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade bisaa Kain sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:10
24 Referencias Cruzadas  

ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.


Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.


Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.


sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.


Monnyɛ saa nnhura asase a mote so no ho, efisɛ mogya no ara na ehura asase no ho, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu so no nti, gye nea ɔkaa mogya gui no ara mogya.


O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya ɔhomebea!


Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam.


Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Na AWURADE se: Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no mate.


Nkurow mu nso mmarima si apini, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ mmoa, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari wɔn amumɔyɛsɛm no.


Ampa ara, mihuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnɛra! AWURADE na ose: Na metua wo ɛso ka, asase yi so, AWURADE na ose. Na afei ma no so tow no kyene asase yi so, sɛ AWURADE asɛm no te no.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so.


Na AWURADE kae sɛ: Sodom ne Gomora nteɛm so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti,


Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


Sɛ wuhu obi a wɔakum no da wuram, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wunnim nea okum no a,


Ɛnna Samuel kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na Saul se: Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, na Filistifo aboa wɔn ho ano Mikmas,


Na AWURADE diyifo bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Na ofii adi kohyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuw a ɛsɔre hyɛɛ Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuru a edu soro akunkum wɔn.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobow ano,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios