Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 39:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ne wura hui sɛ: AWURADE di n'akyi na AWURADE ma nea ɔyɛ nyinaa yɛ yiye n'abasa so no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa soɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa soɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ne wura hui sɛ: AWURADE di n'akyi na AWURADE ma nea ɔyɛ nyinaa yɛ yiye n'abasa so no,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 39:3
28 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na onyinii, na ɔtenaa sare so hɔ yɛɛ ɔbɛmmatofo.


Na bere no mu no, Abimelek ne ne safohene: Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w'akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.


Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi.


Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ.


Na wose: Yɛahu pefee sɛ: Awurade di w'akyi. Na yese: Ma ntam nna yɛn, ɛne wo ntam, na ma yɛne wo mpam,


Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma minnya w'anim anuonyam, na mahu sɛ wo nti Awurade ahyira me.


efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?


AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim.


Afiasehwɛfo no anhaw ne ho anhwɛ biribiara a ɔde hyɛɛ Yosef nsa no, efisɛ AWURADE dii n'akyi, na nea ɔyɛe nyinaa, AWURADE ma ɛyɛɛ yiye.


Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu.


Na Eleasar ba Pinehas na odi wɔn so bapɔmma kan no, na AWURADE dii n’akyi.


Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara.


Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye.


Na mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn, ne nkoa, yɛbɛsɔre asi, na mo de, munni kyɛfa ne tumi ne nkae bi wɔ Yerusalem.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.


Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na Saul hwɛ hui sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saul babea Mikal dɔ no.


Na Samuel renyin no, na AWURADE di n’akyi, na asɛm biara a ɔkae no baa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios