Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yakob somaa abɔfo dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:3
23 Referencias Cruzadas  

Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔw memaa Esau sɛ onni so; na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim.


Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me ade kɔkɔɔ yi bi minni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)


mo ne wɔn nnni aperepere, na meremfa wɔn asase nammɔn biako po memma mo, efisɛ mede Seir bepɔw mama Esau sɛ n’atenae.


Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir.


ne Horifo wɔ wɔn bepɔw Seir so de kosii El-paran a ɛwɔ sare so no.


Na ɔsomaa abɔfo dii n’anim; na wɔkɔe no, wɔkɔhyɛn Samariafo akuraa bi ase sɛ wɔrekosiesie hɔ ama no.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


sɛnea ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifo wɔn anim ma wotuu wɔn tenaa wɔn ananmu beduu nnɛ yi no.


Ɛnna Esau san da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.


Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ:


Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n'atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenne ara.


efi Horeb, Seir bepɔw kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabiako kwan.


Duma ho atemmusɛm ni: Obi bɔn me fi Seir sɛ: Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni?


Nea ɛfa Edom ho. Sɛ asafo AWURADE se ni: So nyansa bi nni Teman bio? Afotu abɔ nhumufo, wɔahwie wɔn nyansa agu?


Na wɔn hye fi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahenni nyinaa ne Yair nkurow a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkurow aduosia;


Na Saul safohene Ner ba Abner faa Saul ba Is-boset de no kɔɔ Mahanaim,


Na Elisa bɔɔ mpae sɛ: AWURADE, bue n’ani na onhu. Na AWURADE buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia.


Na wɔn a wɔamia ama akodi a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔrebɛdan Saul ahenni ama no sɛ AWURADE asɛm se no dodow ni:


Wo mpaboa mu anammɔn tutu yɛ fɛ dɛn ara, ɔdehye babea, w’asen ne w’ataaso te sɛ adwinni a odwumfo nsa ayɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios