Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:8
20 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ne Abraham wiee ɔkasa no, ɔkɔe, na Abraham san baa ne fi.


Na ose: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee.


Omununkum yɛ no nkataho, na onhu ade, na ɔsoro kontonkron so na ɔnantew.


sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom,


Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso etwitwa gye wɔn,


Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsra mu sɛ ɔregye wo, na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa; enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi.


Sɛ ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ efi ogya mu rekasa, sɛnea wotee no, na wɔanya nkwa?


Na afei, ɛdɛn nti na yenwu? Efisɛ ogya kɛse yi rebɛhyew yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na asase so ahene ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios