Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi?

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:11
5 Referencias Cruzadas  

Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.


Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.


Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Na ose: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee.


Na Adam se: Ɔbea no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios