Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 26:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 26:12
18 Referencias Cruzadas  

Na Abraham abɔ akwakoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.


Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.


Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho.


sɛ worenyɛ yɛn bɔne bi; sɛnea yɛanka wo, na yɛayɛ wo papa nko, na yɛagya wo kwan asomdwoe mu no. Afei wone nea Awurade ahyira no.


Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.


efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?


Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.


Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.


Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.


Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.


Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi.


Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.


Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.


Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios