Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:3
49 Referencias Cruzadas  

Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


na Esau hui sɛ Kanaan mmabea nye n'agya Isak ani so no,


Saa na monse wɔn ni: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, bɛyera efi asase so, ne ɔsoro ase.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman.


Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.


Na Huram kae sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama ɔhene Dawid ɔba nyansafo a onim de ne nhumu a obesi ofi ama AWURADE, ne ofi ama n’ahenni.


Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne,


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


na ɔsɔfo no mma ɔbea no nni nsew yi: ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w'asen atotɔ mu na wo yafunu ahon;


Nea maka mo nyinaa, munni so. Na anyame foforo din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anom.


Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na Yosef maa Israel mma kaa ntam, na ɔkae sɛ: Ampa ara Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfi ha nkɔ.


Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m'asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom a wɔwɔ ha yi a na memmrɛ ngui ɛ, na mete ase yɛ dɛn?


Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi.


Na ohyiraa no sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram,


Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete.


Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Efisɛ nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.


ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo, adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka Awurade ntam na wɔkeka wɔn hene ntam,


Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu.


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim.


Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.


Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam.


Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no.


Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra.


Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.


AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko ade anaa? Na ɔdede no mpene na obiako no nhyɛ ananmu.


Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii m'agya fi ne asase a wɔwoo me wɔ so no so, na ɔne me kasae, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfo adi w'anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba.


Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere.


Na Yakob kae se: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.


Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.


O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Na mo ne yɛn nni ayeware, na momfa mo mmabea mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmabea.


Na Yuda huu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua, babea bi wɔ hɔ, na ɔwaree no ne no dae.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So wode me besian akɔ dɔm no nkyɛn? Na ose: Ka me Onyankopɔn sɛ worenkum me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo mesian makɔ dɔm no nkyɛn.


Na sɛ wobuaa yɛn ni: Wose: Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɔdan a wosii no dabidabi mfe bebree yi a Israel hene kɛse bi sii na owiei no.


Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmabea, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmabea mmoma okununom aware, na wɔnwowo mmabanin ne mmabea, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios