Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 22:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 22:3
16 Referencias Cruzadas  

Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.


Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me,


Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani.


sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina,


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduan ne nsu kotoku, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ogyaa ɔne abofra no kwan. Na ɔkɔe, kokyinkyinii Beer-seba sare so.


Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fi nyinaa ne wɔn a wɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fifo mu mmarima nyinaa, na otwaa wɔn twetia da no ara, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.


Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ.


Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n'ani so, na ohuu beae hɔ wɔ akyirikyiri.


na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.


Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios