Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 20:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 20:3
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa.


wamma obi kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim sɛ:


Ɔdae mu, anadwo adehu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa so mu, nnae so nkotɔ mu,


Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.


Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian.


Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na ɔsoo dae foforo bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso dae bio, na hwɛ, owia ne ɔsram ne nsoromma dubiako akotow me.


Na Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom, na wokyii no sen kan no.


Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo dae mu sɛ: Hwɛ yiye na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi.


Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere?


Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkae sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi?


wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahene anim:


Na Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo a wogu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro, ɛsono oyi ne ne dae asekyerɛ, na ɛsono oyi nso de.


Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini.


sɛ ɔbɛsan onipa afi ne nneyɛe ho, na wayi ahantan ahintaw ɔdesani,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios