Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Abram daa hɔ de n'anim butuw fam; na Onyankopɔn ne no kasae sɛ

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Abram daa hɔ de n'anim butuw fam; na Onyankopɔn ne no kasae sɛ

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 17:3
17 Referencias Cruzadas  

Na Abraham de n'anim butuw fam serewee, na ɔkae ne komam sɛ: So wɔbɛwo ɔba ama nea wadi mfirihyia ɔha, na Sara a wadi mfe aduakron no bɛwo anaa?


Na ogyaframa no resɔre afi afɔremuka no so akɔ ɔsoro no, AWURADE bɔfo no foro faa afɔremuka no so gyaframa no mu kɔɔ ɔsoro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.


Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Nyankopɔn!


Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?


Monsɔre mfi asafo yi mu na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam.


Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam, Israelfo asafo bagua no nyinaa anim.


Na ɔkae bio sɛ: Mene w'agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n'ani, efisɛ osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na wokunkumii no, ɛkaa me nko; na mede m’anim mibutuw fam, na meteɛɛm sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, so woresɛe Israel nkae no nyinaa, w’abufuhyew a wuhwie gu Yerusalem so no mu anaa?


Na ɔmaa n'ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abegyina ne ntentenso. Na ohuu wɔn no, ofii ne ntamadan pon ano tuu mmirika kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios