Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mehyira wɔn a wohyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wobehyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wɔbɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 12:3
27 Referencias Cruzadas  

Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa.


Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.


Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.


Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho.


sɛ worenyɛ yɛn bɔne bi; sɛnea yɛanka wo, na yɛayɛ wo papa nko, na yɛagya wo kwan asomdwoe mu no. Afei wone nea Awurade ahyira no.


Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,


Aman nsom wo, na nkurɔfo nkotow wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkotow wo. Wɔadome wɔn a wɔdome wo, na wɔahyira wɔn a wohyira wo.


Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa.


Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma minnya w'anim anuonyam, na mahu sɛ wo nti Awurade ahyira me.


efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?


Na efi bere a ɔde no sii ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa so no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fi, na AWURADE nhyira baa nea ɔwɔ nyinaa so, ofie ne afum.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Na sɛ wutie ne nne ampa na woyɛ nea meka nyinaa a, ɛnne mɛyɛ w'atamfo tamfo na mahiahia w'ahohiafo ho.


Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere, hena na ɔbɛma wasɔre? Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.


Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso,


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios