Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse, na mehyira wo. Mɛma wo din atrɛw, na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo. Mɛma wo din atrɛ, na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 12:2
38 Referencias Cruzadas  

Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din.


na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidi so anya Honhom bɔhyɛ no.


Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba.


Na ose: Mene Onyankopɔn, w'agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wubesian akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛse wɔ hɔ.


Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,


Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.


saa ara nso na munhu sɛ wɔn a wofi gyidi mu no, wɔn ara ne Abraham mma.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso.


Na ɔde no fii adi kae sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'asefo bɛyɛ nen.


Na gye so ka AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: M’agya yɛ Aramni a anka okyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi sian kɔɔ Misraim kɔsoɛɛ hɔ hɔho, na ɔyɛɛ ɔman kɛse a wɔyɛ den na wɔdɔe wɔ hɔ.


Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na afei ma me kwan na me bo nhuru nhyɛ wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛse.


Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa.


Aman nsom wo, na nkurɔfo nkotow wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkotow wo. Wɔadome wɔn a wɔdome wo, na wɔahyira wɔn a wohyira wo.


Na Onyankopɔn sɛee dantaban no nkurow no no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ogyee Lot fii butuw a obutuw nkurow a Lot te mu no mu.


Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso,


Mede owuyare mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn.


Nanso ɔhene nkoa aba abehyira yɛn wura ɔhene Dawid sɛ: Onyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsen wo din, na ɔmma n’agua nso nsen w’agua. Na ɔhene abɔ ne mu ase ne nnae so;


Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no.


Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


Na Abraham abɔ akwakoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.


Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho.


Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Wo ne wɔn nnkɔ, nkɔdome ɔman no, efisɛ mahyira wɔn.


Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennan ani.


Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhuan.


Na mɛma wɔn ne nsaase a ɛdeda me koko ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su;


Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.


Na Ismael ho de, matie wo. Hwɛ, mehyira no, na mama wawo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitiriw dumien na ɔbɛwo, na mayɛ no ɔman kɛse.


Onipa a ɔte sɛ wo na w’abɔnefosɛm pira no, na wo trenee bɛma wanya mfaso.


monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios