Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 12:1
20 Referencias Cruzadas  

Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ.


Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na wuyii no fii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.


monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ Mene AWURADE a ɔde wo fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ mede asase yi mɛma wo sɛ awunnyade.


Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni.


Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene!


Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Na Onyankopɔn ma mifii m'agya fi mibekyinii no, misee no sɛ: W'adɔe a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yebedu no, ka me ho sɛ ɔyɛ me nua.


Na kɔ me kurow ne m'abusua mu kɔware yere ma me ba Isak.


Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsian nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ wo yi so.


So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no?


AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii m'agya fi ne asase a wɔwoo me wɔ so no so, na ɔne me kasae, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfo adi w'anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba.


na mmom kɔ m'agya fi ne m'abusua mu kɔware yere brɛ me ba.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom m'ankasa m'asase so ne m'abusua mu na mɛkɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios