Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 11:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 11:4
17 Referencias Cruzadas  

Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete.


Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe.


Wɔforo kɔɔ soro, na wosian kɔɔ bun donkudonku mu, ahohia nti wɔn kra hodwowee.


Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa, Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE, W’atamfo no de wɔbɛyera


Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so, AWURADE asɛm ni.


Dua no so na ɛyɛ den, na ne tenten kodu ɔsoro, na wohu kodu asase nyinaa ano;


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.


Enti, ɔhene, ma m’afotu nyɛ wo fɛ, na fa trenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafo ayɛyɛ sesa w’amumɔyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiyedi akyɛ.


na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


Ɛhe na yɛmfa nkɔ? Yɛn nuanom atutu yɛn koma sɛ: Nnipa no sosoe na wɔwowaree sen yɛn, nkurow no yɛ akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ ɔsoro, na bio nso yehuu Anakfo mma no wɔ hɔ.


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Israel, tie! Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios