Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 11:3
19 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.


Wiɛ, momma yensian nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.


Na Sidim bon mu yɛ ama amoamoa ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo guanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no guan kɔɔ bepɔw so.


Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.


Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wobehintaw asum afiri, wɔka sɛ: Hena na obehu yɛn?


na wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yawyaw a wɔde dii wɔn mu.


Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano.


Sɛ wose: Bra ma yenkobuw mogya, ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa;


Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude.


Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so;


ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,


Ntayaa agu fam, na yɛde abo a wɔatwa bɛto; wɔatotow ankye agu, na yɛde nkyeneduru besi ananmu.


Sesaw ntoa nsu sie, miamia w’abandennen mu! Tia dɔte mu wɔw ɛbo, miamia ntayaa fononoo no mu.


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.


Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso.


Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios