Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 10:5
26 Referencias Cruzadas  

Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Na muntwam nkɔ Kitifo mpoano nkɔhwɛ, anaa monsoma nkɔ Kedar nkopeepee mu yiye, na monhwɛ sɛ ade a ɛte sɛ eyi aba pɛn anaa?


ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene,


n’asɛm ano rennwo, na ɔrempa abaw de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atemmu besi asase so, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.


Eyinom ne Ham mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase ne wɔn amanaman te.


Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.


Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.


Me trenee reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.


Muntie me, mo mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman! AWURADE afrɛ me afi yafunu mu, ofi me na yam na ɔbɔɔ me din.


Monto dwom foforo mma AWURADE, mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom. Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsuano aman ne wɔn a wɔtete so.


Mpoano aman hui, na wosuroe, asase awiei ho popoe. Wɔbɛnee na wɔbae.


Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ.


Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.


Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade.


Na Eber woo mma baanu. Nea ɔdi kan no din de Peleg, efisɛ, ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.


Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.


Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Tiro ni: So ɛnyɛ w’asehwe huuyɛ, w’atɔfo apenepene, okum a wokunkumii wɔ wo mu nti na nsupɔw bɛwosowosow?


Afei mpoano aman ho bɛpopo w’asehwe da no, na nsupɔw a ɛwɔ po mu no bo atutu, w’awiei ho.


Na ɔbɛdan n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree; na ɔsafohene bi bɛma wagyae ahohora no bɔ, na mpo wadan ahohora no agu ɔno ankasa so.


Eyinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa fi petee asase nyinaa so.


Eyinom ne Noa mma mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi amanaman petee asase so.


Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahye totoo hɔ sɛ Israelfo ano si.


Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios