Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 1:7
15 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kae sɛ asase mfifi nwura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow nnuaba sɛnea ne su te a n'aba wɔ mu, wɔ asase so. Na ɛyɛɛ sa.


na ɛnyɛ akanea wɔ ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛnharan asase so. Na ɛyɛɛ sa.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa.


Na Onyankopɔn frɛɛ ntrɛw mu no ɔsoro. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abien nen.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na wonhu asase kesee. Na ɛyɛɛ sa.


Ɔkyekyere nsu hyɛ amununkum mu, nanso omununkum no mpae wɔ ase.


Oyi nsuaniwa, abon mu, ɛsen nenam mmepɔw ntam,


Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Mo soro mu soro, munyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro so.


Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.


Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi.


Sɛ osu yɛ amununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a, faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda.


Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios