Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu no mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 1:6
23 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe;


Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani.


Ne honhom ano na ɔsoro tew, ne nsa na ehwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare no mu.


Nsu ara nko na ɔde soa omununkum, ɔtrɛw ne hann mununkum no mu.


So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ?


Wufura hann sɛ ntama, wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,


Mo soro mu soro, munyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro so.


Munyi AWURADE ayɛ! Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi mu wɔ soro.


Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.


Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


Sɛ osu yɛ amununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a, faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda.


Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu.


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa ma wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu de ɔsoro trɛw hɔ.


Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:


Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios