Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 1:21
23 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.


mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, nea ɛkeka ne ho asase so nyinaa, sɛnea wɔn mmoaban te, fi adaka no mu fii adi.


mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a efi ɔhonam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne nea ɛwea asase so nyinaa ne wo mfi adi, na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.


Na asu no bɛdɔ mpɔtorɔ manyamanya, na wɔafoforo aba wo fi ne wo dabekyiri ne wo mpa so ne wo nkoa afi ne wo nkurɔfo mu ne w'afononoo mu ne wo mmɔre akorow mu.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na mo de, monwo na monnɔ, na monyɛ asase so manyamanya, na monnɔɔso wɔ so.


wɔn, ne mmoadoma nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntuboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, nnomaa ne ntakraboa nyinaa,


Nnomaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, wɔn nyinaa mu abien abien mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.


Nsamanfo ho yeraw wɔn, nsu ne wɔn a wɔte mu no ase.


So meyɛ ɛpo anaa asu mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfo sisi me ho?


Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.


na enni awia ne anadwo so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataforo ho na wɔde wo toe, nso wo de, woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa, na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu, na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten.


AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu nsu mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.


Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.


Munyi AWURADE ayɛ mfi asase so, nsuboa ahorow ne abun nyinaa.


Na AWURADE Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ obehu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn. Na nea onipa de frɛɛ abɔde a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din.


Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios