Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na asase fifii wura, nhaban a ɛsow aba sɛnea ne su te, ne nnua a ɛsow nnuaba a n'aba wɔ mu sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na asase fifii wura, nhaban a ɛsow aba sɛnea ne su te, ne nnua a ɛsow nnuaba a n'aba wɔ mu sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 1:12
11 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kae sɛ asase mfifi nwura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow nnuaba sɛnea ne su te a n'aba wɔ mu, wɔ asase so. Na ɛyɛɛ sa.


Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abiɛsa nen.


Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu.


Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.


Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu.


Na dua biara n’aba na wɔde hu; na wɔntetew borɔdɔma wɔ nsɔe so, nanso wɔntetew obobe aba nguare so.


Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre.


Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.


Na asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios