Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nea ɔto so abiɛsa ne: Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea. Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nea ɔto so abiɛsa ne: Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 3:2
20 Referencias Cruzadas  

Na Gesur ne Aram gyee Yair atenae no fii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkurow aduosia. Eyinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma.


Absalom wu akyi no, Hagit ba Adonigya maa ne ho so kae sɛ: Me na medi hene. Na osiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban


Na ɔhene ho popoe na ɔforo kɔɔ kurow pon no so pia mu, na osui. Na ɔrekɔ no, ɔkae sɛ: O Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka misii w’ananmu wui! Absalom, meba, me ba!


Nso Absalom te ase no, osii nkae dum bi a ɛwɔ ɔhene bon mu fae, na ose: Minni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom sɛnkyerɛnne besi nnɛ.


Na Yoab kae sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim sa. Na ɔfaa mpɛmɛ abiɛsa kurae na ɔde kɔwowɔɔ Absalom komam bere a ɔda so yɛ anikan odupɔn no mu.


Efisɛ metenaa Gesur wɔ Aram no w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me san ba Yerusalem a, ɛnne mɛsom AWURADE.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma maba wo nkyɛn sɛ: Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn nkose no sɛ: Ɛdɛn nti na mifi Gesur mebae? Eye ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Enti afei mehu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, onkum me.


Na Yoab siim kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.


Na Absalom guan kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa.


Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no.


Na nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba. Na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia.


Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo, na Gesurfo ne Maakatfo no tenaa Israel mu de besi nnɛ.


Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.


Na ɔhene Solomon bua ka kyerɛɛ ne na sɛ: Na adɛn nti na wubisa Sunamni Abisag ama Adonigya? Bisa ahenni no nso ma no, na ɔno ne me nua a ɔsen me panyin, bisa ma no ne ɔsɔfo Abiatar ne Seruia ba Yoab.


Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.


Nea ɔto so anum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Nea ɔto so asia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba.


Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ yaw bi ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woyɛ sɛɛ yi? Na ɔno nso yɛ ɔhoɔfɛfo, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios