Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 3:1
11 Referencias Cruzadas  

ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,


Na Absalom mmerante no yɛɛ Amnon sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfurum so guanguanee.


Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no.


Na Dawid ne Akis tenae wɔ Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no.


ne kyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no: Tirafo, Simeafo, Sukafo; wɔne Kenifo a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fi agya no asefo.


Nea ɔto so abiɛsa ne: Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba.


na me mma nyinaa mu no, efisɛ AWURADE ama me mma pii, wayi me ba Solomon sɛ ɔntena AWURADE ahenni a ɔde di Israel so no agua so.


Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.


Na Dawid fi Hebron bae akyi no, ɔkɔɔ so warewaree yefam ne yerenom fii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmabea maa Dawid bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios