Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:3
12 Referencias Cruzadas  

Na Akis bua see Dawid sɛ: Minim sɛ wuye m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfo; nso Filistifo asafohene no se: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no.


Na Filistifo asafohene no bo fuw no, na Filistifo asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsan, na ɔnsan nkɔ ne tenabea a wode no tenae hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannan n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdɛn na oyi de bɛpata ne wura? So ɛnyɛ nnipa yi ti?


Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.


Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: So wususuw sɛ w’agya ni na Dawid di nti na ɔsomaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ kurow yi mu pɛepɛe ne ne nsra ne ne butuw nti na Dawid somaa ne nkoa baa wo nkyɛn yi?


Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa abɔfo sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya nti. Na Dawid nkoa no siim kɔɔ Amonfo asase so kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔnkɔma no hyɛden.


Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na oyiyii wɔn, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa de beduu wɔn nsrɛkyiri, na ogyaa wɔn kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios