Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro anaasɛ mma wo koma ntu. Fa wʼasraafo no nyinaa na kɔtow hyɛ Ai so, efisɛ mede Aihene, ne nkurɔfo, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:1
24 Referencias Cruzadas  

AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo?


Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.


Na wo, m’akoa Yakob de, nsuro, na mma wo bo nntu, Israel. Na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, ne w’asefo nso afi wɔn nnommumfa asase no so, na Yakob asan aba abɛhome atena ase dwoodwoo, na obiara nni hɔ a obeyi no hu.


Hesbon, bɔ abubuw, na wɔasɛe Ai. Raba mmabea, monteɛm, mumfura atweaatam ntwa agyaadwo, na munkyinkyin afasu no ntam, na Milkom rekɔ tukɔ mu, ɔne n’asɔfo ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ.


Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu.


Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na obedi w’akyi, ɔrempa wo na ɔrennyaw wo; nsuro na mma wo bo nntu.


nsuro wɔn, na kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.


Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios