Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:3
9 Referencias Cruzadas  

Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.


Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no, efisɛ ne nsa nso ade mu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso.


Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.


Na ɔman no mu bɛyɛ sɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso woguan fii Ai mmarima no anim.


Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yi mu den; na sɛ moyɛ eyinom a, morenhintiw da.


Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidi ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios