Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:2
18 Referencias Cruzadas  

Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so.


Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi.


Na AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoe ara kotwaam Bet-awen.


Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Atɛmpa na fa kyerɛ wo sa, na nkonim wɔ agyinatufo dodow mu.


Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina, na fa atɛmpa kyere ɔsa.


Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.


Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo.


Na Benyamin mma a wofi Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,


Yeriko hene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.


Na ɔfrɛɛ hɔ Betel ase ne: Onyankopɔn fi, nanso kan no na kurow no din de Lus.


Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua.


Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ nifa ne wɔn a wɔwɔ Yatir,


Hesbon, bɔ abubuw, na wɔasɛe Ai. Raba mmabea, monteɛm, mumfura atweaatam ntwa agyaadwo, na munkyinkyin afasu no ntam, na Milkom rekɔ tukɔ mu, ɔne n’asɔfo ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ.


Na ɔde biako kosii Betel na ɔde biako nso kosii Dan.


Waba Ayat afa Migron de n’akyi agyaw Mikmas;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios