Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:1
19 Referencias Cruzadas  

So ɛnyɛ Serah ba Akan na ɔfomee ahyirade no mu, na abufuw baa Israel asafo no nyinaa so? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛee, ne mfomso no mu.


Nyansa ye sen akode, nanso ɔdebɔneyɛfo biako sɛe papa bebree.


Nanso asɛm yi ansɔ Onyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.


Na mo de, nnɛ moresan afi AWURADE akyi? Na moretew AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa.


Sɛ AWURADE asafo no nyinaa se ni: Ɔfom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadan mo ho afi AWURADE akyi, na moasi afɔremuka afa, na moatew AWURADE anim atua nnɛ yi!


Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛmmɔ ntonto mfa nhu nea ne nti, saa amane yi aba yɛn so yi. Na wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro.


Na wogyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fi, na wɔkɔsom Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodi yi nti abufuw baa Yuda ne Yerusalem so.


Na AWURADE bo huru hyɛɛ Israel bio, na opiapiaa Dawid ma ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛw mo ti, na munnsunsuane mo ntade mu, na moanwuwu, na abufuw amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fi nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahyew wɔn yi.


Na oduu koko no ho no, Gehasi gye fii wɔn nsam, na ɔde maa asie ofie, na ogyaa mmarima no kwan ma wɔkɔe.


Yakob mmammarima no baa atɔfo no so bɛfow kurow no mu nneɛma, efisɛ wɔagu wɔn nua ho fi.


Onipa a ɔte sɛ wo na w’abɔnefosɛm pira no, na wo trenee bɛma wanya mfaso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios