Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi;

Ver Capítulo Copiar




Yosua 2:4
9 Referencias Cruzadas  

Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan ni, na ɛnyɛ kurow no ni, munni m’akyi, na memfa mo menkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria.


Na awogyefo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Hebrifo mmea nte sɛ Misraimfo mmea, na wɔn de, wɔyɛ pirimpirim; awogyefo no nnya nnuu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dedaw.


Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?


Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra.


na esum durui a wɔrebɛto kurow pon no mu no, na mmarima no fii adi; minnim nea wɔkɔ: Muntiw wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.


Na kurow no ne emu ade nyinaa nyɛ nea AWURADE de ne nsa ato so ama ɔsɛe; aguaman Rahab nko na onnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fi nyinaa, efisɛ ɔno na ɔde abɔfo a yɛsomaa wɔn no hintawee.


Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios