Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 1:7
25 Referencias Cruzadas  

Me de, merekɔ asase sofo nyinaa kwan: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima.


Na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛde, sɛ wobɛnantew n’akwan so, sɛ wubedi n’ahyɛde, ne mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’adansesɛm so, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu, na woadi yiye nea woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkɔ.


Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na ɔnantew n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wamman ankɔ nifa anaa benkum.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu.


Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.


Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Mman nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu.


Trenee tempɔn mu na menam, atemmu akwan so pɛ,


na ɔde ne nsa guu no so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.


Enti munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi so bi.


nanso mman mfi nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkodi anyame foforo akyi nkɔsom wɔn.


na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo abusuakuw fa sɛ wonni so.


Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye.


Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.


Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso munnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum;


Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:


Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.


Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu nyinaa, na moamman amfi ho ankɔ nifa anaa benkum,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios