Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama mo no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 1:11
9 Referencias Cruzadas  

San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi.


na wonsiesie wɔn ho nsie da a ɛto so abiɛsa; na ɛda a ɛto so abiɛsa no, AWURADE besian ɔman no nyinaa anim aba bepɔw Sinai so.


Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Na morebetwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so.


Na mehyɛɛ mo saa bere no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ munni so, mo akofofo nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfo anim;


Israel, tie! Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro,


Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfo no sɛ:


M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so.


Na nnansa wiee du no, ahwɛfo no kyinii nsra no mu


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios