Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ nnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:10
19 Referencias Cruzadas  

Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a,


Sɛ AWURADE se ni: Monhwɛ mo kra so yiye, na monnsoa adesoa bi homeda mmfa mmfa Yerusalem apon mu mmma mu,


Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.


Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.


Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?


Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm.


Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.


Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.


Na Farisifo no mu binom see wɔn sɛ: Adɛn na moyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda?


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Obuaa wɔn sɛ: Nea ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara no osee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew!


Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den.


Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda.


Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?


Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios