Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:21
31 Referencias Cruzadas  

W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Ma me koma nyɛ pɛ, w’ahyɛde mu, na m’anim angu ase.


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.


Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!


Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn.


Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse,


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.


na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam.


Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.


efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu,


na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yedi atoro na yɛnnantew nokware mu.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn.


Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios