Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Obiara nkɔɔ ɔsoro da agye nea ofi ɔsoro bae no—Onipa Ba no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:13
24 Referencias Cruzadas  

Hena na waforo akɔ soro na wasian? Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn?


efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Na Dawid ankɔ ɔsoro; nanso ɔno ara kae sɛ: Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.


na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,


Na sɛ trenee a efi gyidi mu no ka ni: Nka wo koma mu sɛ: Hena na ɔbɛforo akɔ ɔsoro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo besian);


Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ?


Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa,


Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no.


na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba?


enni ɔsoro na woaka sɛ: Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me.


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ.


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


Sɛ maka mo fam asɛm na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm no a, mubegye adi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios