Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 13:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n’atade na ɔtenaa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, “Mote nea mayɛ yi ase ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n’atade na ɔtenaa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi?

Ver Capítulo Copiar




Yohane 13:12
7 Referencias Cruzadas  

Na nkurɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: So worenkyerɛ yɛn dekode a eyinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?


Na Hesekiel ayɛ mo sɛnkyerɛnne; sɛnea wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ bere a ɛbɛbam no, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Moate eyinom nyinaa ase anaa? Wobuaa no sɛ: Yiw.


Na osee wɔn sɛ: Munnim abɛbu yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mubehu mmɛbu no nyinaa?


Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.


ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho.


Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, worente ase seisei, na akyiri no na wobɛte.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios