Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 12:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 12:6
19 Referencias Cruzadas  

Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo.


Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?


Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atade tantan ba hɔ,


Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho.


gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.


Na ɔpaani guan, efisɛ ɔyɛ ɔpaani, na onnwen nguan no ho.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi.


Ɔtreneeni hu abrɛfo asɛm di, ɔbɔnefo nhu saa nimdeɛ yi.


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.


Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios