Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 10:8
11 Referencias Cruzadas  

Nguanhwɛfo a wɔsɛe me nguankuw bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm ni.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.


Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne.


Na ɛnkyɛe na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔree, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wokum no, na wɔn a wotiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios