Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:19
27 Referencias Cruzadas  

Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.


Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee.


Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no.


na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti.


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?


Ɛnna Yudafo no se: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so?


Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.


Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den.


Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda.


Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.


Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,


Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?


Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.


Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he?


Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?


Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.


Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham?


Na Yohane reyɛ awie ne dwumadi no, ɔkae sɛ: Mususuw sɛ mene hena? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne nan ase mpaboa.


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.


Hwɛ yiye kwata yare ho, na woahwɛ ayɛ sɛ asɔfo Lewifo no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛnea mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.


Na kaseɛ a yɛtee ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios