Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matetew mma ama wɔanyinyin, nanso wɔatew me so atua.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matete mma ama wɔanyini, nanso wɔate me so atua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:2
37 Referencias Cruzadas  

na ogyaw AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, na wannantew AWURADE kwan mu.


Aman nyinaa, muntie eyi, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.


Ɔfrɛ ɔsorofo, ɔsoro, ne asase, sɛ ɔrebebu ne man atɛn.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara.


Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.


O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


Mebae me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi;


Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na ɔkasa.


Asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm!


Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Wɔde osu na ɛbɛba, na mɛkyekye wɔn werɛ de wɔn aba, na megya wɔn de wɔn akɔ asuten ho, ɔkwan tee a wɔrenhintiw wɔ so; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.


Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu.


mo, Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkurow a wɔagyaw a adannan afow ade ne fɛwdi ama amanaman nkae a ɛwowɔ ho hyia no,


Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.


Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.


Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?


Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.


ne sare so a wuhui sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛnea onipa kura ne ba, akwan a mofaa so no nyinaa so besii sɛ muduu ha yi.


Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa,


Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anom nsɛm!


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios