Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo Awurade fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 7:3
21 Referencias Cruzadas  

Na abantofo no hyɛɛ AWURADE asɔredan no ase no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade kurakura ntorobɛnto, ne Lewifo, Asaf mma no, wokurakura nnawuru begyinagyinaa hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛ Israel hene Dawid hyehyɛe no.


osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere;


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Ma asɔfo, AWURADE asomfo no nsu, ntwironoa ne afɔremuka no ntam, nka sɛ: AWURADE, kyɛe wo man so, na mfa w’agyapade mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Ɛdɛn nti na wɔnka aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


Sɛ asafo Awurade se ni: Bisa asɔfo no kasakyerɛ sɛ:


Ɛnna asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.


Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhuam betua wo hwene ano, na wɔde afɔre amuamu begu w’afɔremuka so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios