Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn, na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso; na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye, na mɛtwe ntuanofo no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no, na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn, na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso; na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:3
28 Referencias Cruzadas  

Torobɛnto hyɛn a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hua wɔ akyirkyiri, asafohene nteɛm ne osebɔ no.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdi de ɛwɔ AWURADE nsam.


Me pɔnkɔbere a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no na mede wo meto, m’adamfowaa.


Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.


Na ahwɛfo no adan mmoa, na wommisa AWURADE akyi kwan; ɛno nti wɔanni yiye, na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no nyinaa abɔ apete.


ɛno nti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmerante bɛtotɔ afoa ano, na ɔkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmabea,


Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirihyia aduɔsɔn wie du a, mɛba mabetua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafo asase no amumɔyɛ so ka, na madan no daa amamfo.


Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mumpirepirew, nguankuw mu akunini, na mo kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den;


Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ara mebisa me nguan, na mahwehwɛ wɔn akyi kwan.


Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Na Awurade kum afɔre da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafo atade nyinaa aso.


na ayɛ Yuda fi nkae asase a wɔyɛn so mmoa, Askelon afi mu na wobebutubutuw anwummere, na Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn nnommumfa asan aba.


O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Ɛnna ɔsɔree, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresan afi Moab asase so aba, efisɛ ɔtee wɔ hɔ sɛ: AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios