Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum. Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa, ne nnɔbae nso ma obiara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 10:1
31 Referencias Cruzadas  

Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu.


Ofi ne soro mpia mu gu mmepɔw so nsu, wo nnwuma so aba mee asase.


Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea.


Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ.


Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu.


Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ adommere mu mununkum.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.


Ɔma ne nne so a, nsu pii ba ɔsoro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea.


So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.


na wɔnka wɔn koma mu sɛ: Momma yensuro AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma asusow ne adonsu tɔ ne bere mu, ɔhwɛ twabere adapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.


Sɛ ɔkasa a, nsu dodow ba soro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam, ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea hɔnom.


Na mɛma wɔn ne nsaase a ɛdeda me koko ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su;


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;


Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa a edi otwa anim no mu, na metɔɔ osu guu kurow biako so, na mantɔ bi angu kurow biako so; afuw biako nyaa osu, na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee;


Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso.


Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.


Na wo soro a ɛwɔ w’atifi bɛdan kɔbere, na asase a ɛwɔ w’ase adan dade.


Enti, anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom nsu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios