Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam wɔ bɔnhwa tiaa a emu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa wɔ nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 1:8
26 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no.


Ɔdadwen a efi anadwo adehu mu mu, bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so no,


Me dɔfo wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko mu.


Me dɔfo asian kɔ ne turo mu, aduhuam akofi ho, sɛ okodidi nturo no mu, na watetew sukooko nhwiren afɛfɛ no.


mɛma sare so aba nkyeneduru, ɔkanto, ohuamma ne ngo nnua; mɛma ɔpopaw, asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abom asisi sare so,


Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu, na ohuannua befifi akraate ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Na ɔbarima a ogyina ohuannua no ntam no buae sɛ: Eyinom na Awurade asoma wɔn sɛ wonkokyin asase so.


Na wobuaa Awurade bɔfo a ogyina ohuannua no ntam no sɛ: Yɛakyin asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.


Ɔsram a ɛto so dubiako a ɛne ɔsram Sebat [a ɛte sɛ Ogyefuo] da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa?


Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se:


Na mihui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura tadua. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkunim na wakodi nkunim.


Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios