Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn! Ahohia mu, boa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn! Ahohia mu, boa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 4:1
35 Referencias Cruzadas  

Nea oyii yɛn fii saa owu kɛse yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ obeyi yɛn bio.


Dan w’ani kyerɛ me, na dom me, sɛ woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo din no.


Dan w’ani hwɛ me, na dom me, na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ.


Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.


O! Onyame, Misu mefrɛ wo na wubegye me so, Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.


ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu.


Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.


Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam.


Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so. Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no! Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare kyerɛwdua.


Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware.


Na Dawid kae sɛ: AWURADE a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bedi w’akyi.


Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ owu.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Yuda mu na wɔahu Nyankopɔn, ne din so Israel mu.


Onyankopɔn nnom yɛn nhyira yɛn, ɔntew n’anim nkyerɛ yɛn. Sela


Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfo nsa, wode m’anan agyina nea ɛtrɛw.


Ɔno na obenya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagye Nyankopɔn bebu no bem.


Na AWURADE yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee, wɔn a wɔteɛ behu n’anim.


O! AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba, woasan me nhama.


AWURADE hwɛ ayemfo, miguroe, na ogyee me nkwa.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdesani pɛ me amene me, daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.


Na me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mu a midi mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa.


AWURADE, mfa w’abufuw nka m’anim, na mfa w’abufuhyew ntwe m’aso.


Anka obegye wo nso afi ahohia mu akɔ nea ɛhɔ trɛw a ahokyere nni hɔ, na srade ayɛ wo pon so aduan ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios