Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wo, AWURADE de, wowɔ hɔ daa, na wo nkae kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wo, AWURADE de, wowɔ hɔ daa, na wo nkae kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:12
15 Referencias Cruzadas  

opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.


Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom, na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so.


Mekɔ sɛ sunsuma a ɛrekɔtɔ, wɔawosow me akyene sɛ mmɛbɛw.


O! AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, O! AWURADE, wo nkae tena awo ntoatoaso nyinaa so.


Na AWURADE de, ɔte n’ahengua so daa, ɔde n’agua asi hɔ rebu atɛn.


anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm na ɛfefɛw, anwummere wotwa, na atwintwam.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.


Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye.


Wo AWURADE, wote hɔ daa, w’agua tim hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na ase na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim, na waka sɛ: Dwerɛw wɔn.


Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios