Nehemia 9:28 - KYERƐW KRONKRON28 Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron28 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm28 “Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible28 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm28 “Nanso, na nneɛma nyinaa rekɔ so yie no, wo manfoɔ sane kɔɔ bɔne mu bio, na wosane maa wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Nanso, ɛberɛ biara a wo nkurɔfoɔ bɛsu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wotiee bio firi ɔsoro. Wʼahummɔborɔ nwanwa enti, wogyee wɔn ntoatoasoɔ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON28 Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu. Ver Capítulo |