Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ɛda a ɛto so abien no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ano bɛhyiaa wɔ Ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn, sɛ wɔrebɛsua mmara nsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ano bɛhyiaa wɔ Ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn, sɛ wɔrebɛsua mmara nsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɛda a ɛto so abien no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:13
13 Referencias Cruzadas  

Na bagua no nyinaa tuu agyina, sɛ wobedi nnansɔn foforo nso, na wɔde anigye dii nnansɔn no bio.


Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Na wohui sɛ wɔakyerɛw mmara a AWURADE nam Mose so hyɛe no mu, sɛ Israelfo no ntena asese mu ɔsram a ɛto so ason so afahyɛ no mu,


Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ, na nea ɔtan animka yɛ aboa.


Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?


Na wofi hyiadan mu hɔ fii adi no, wɔsrɛe sɛ homeda foforo wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.


Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfo ne asɔrefi safohene ne Sadukifo baa wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios