Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:5
10 Referencias Cruzadas  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ ɔsram.


Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfo no, na mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, efisɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no.


Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?


Na sɛ onni nea ɔde betua nti, ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa, na wɔmfa mmetua ka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios